Ghana Adehyeman ba, wo Tri Nkwa!

Sika Kokoo Mpoano ! Ghana Adehyeman kronkon! Ye ma wo Tri Nkwa a Anyaado! Ghana Tri nkwa abiraw! Mfe aduonum mmiensa! Wo ye buei !, wo ye kikim! Sika kokoo Mpoano a, wo twaa esa kan wo fawohodie kwan so na abibiman nkae dii wo akyi! Wo ye bue! wo ye kikim! Mfe aduonum mmiensa nie! Ghana Adehyeman kronkon! Obataan pa Ghana ye ma wo Tri Nkwa Anyaado! Ghana Tri nkwa abiraw! Mfe aduonum mmiensa! Wo ye bue! wo ye kikim! Abibiman Adehyemanba Ghana ye ma wo amo! Ye ma wo Tri Nkwa a anyaado,wo Tri nka,ebi mmra bio! Ye woo Ghana too koobre ne sika kokoo so ampa! Odomankoma asaasedee atwa yen ho ahyia; Sika kokoo,Dankyemboo,kwaebirentuo, Nsuo akesee ne mu nketewa! Wo ye bue, wo ye kikim! Fangoo nso ayi ne tri ama obaatan pa.Ghana! Onyankopon Kwame,aseda nka wo! Hu yen mpanyinfoo mmobo! Ma won Nkruma tu wo ho akye sunsum no bi! Na fangoo yi ho mra nfasoo mma nkyiri mma.! Obaatanpa hia ayaresabea pii! Nsupa wo akuraaa biara ase! Sukuu adan pa ama Ghanamanfo! Akwantenpon a, edi mu! Asuopong ahorow a edi mu! Se yere kae fawohodie nne da yi a, Mo ma yen nkae Nkruma mpuntu-dwuma a, odi maa Oman Ghana na yensua no. Obataan pa Ghana yema wo Tri Nkwa ,Anyaado Ghana Adehyeman ba, wo Tri Nkwa!